Psalms 4

Ahohiabere mu anwummere mpae

1O Onyankopɔn, woaka se meyɛ pɛ wɔ wʼanim; daa wohwɛ me wɔ mʼahohia mu; enti mprempren tie me sufrɛ.
Hu me mmɔbɔ.
Tie me mpaebɔ.
2Mobɛbɔ me ahohora akosi da bɛn?
Mubedi nneɛma hunu ne nea enye akyi akosi da bɛn?
3Kae sɛ Awurade ayi atreneefo ama ne ho; na sɛ misu frɛ no a, otie me.
4Bɔ hu, na gyae bɔne yɛ; sɛ woda wo mpa so komm a, dwen eyi ho kɔ akyiri.
5Bɔ afɔre a ɛfata ma Awurade, na fa wo werɛ hyɛ ne mu.
6Nnipa bebree srɛ sɛ: “O Awurade, hyira yɛn na yɛ yɛn adɔe!”
7Nanso anigye a woama me anya no dɔɔso sen wɔn aburow ne wɔn nsa a wobenya daakye nyinaa.
8Sɛ metɔ hɔ a, meda asomdwoe mu;
O wo Awurade nko na hwɛ me so.
Copyright information for TwiNAK